Psalms 146

Kamfo Agyenkwa Nyankopɔn

1Kamfo Awurade!
Me kra, kamfo Awurade!
2Meda so te ase yi, mɛkamfo no.
Mɛto me Nyankopɔn dwom me nkwa nna nyinaa.
3Mommfa mo ho nnto ahemfo so efisɛ, onipa rentumi nnye wo.
4Sɛ wowu a, wɔsan kɔ mfutuma mu; saa da no wɔn nsusuwii nyinaa ba nʼawiei.
5Nhyira nka nea ɔwɔ Yakob Nyankopɔn sɛ ne boafo, na ɔde ne ho to nʼawurade ne ne Nyankopɔn,
6nea ɔbɔɔ soro, asase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa no so no.
Odi ne bɔhyɛ so daa.
7Odi ma wɔn a wɔhyɛ wɔn so, na ɔma wɔn a ɔkɔm de wɔn nso aduan.
Awurade gyaa nneduafo
8na ɔma anifuraefo hu ade.
Ɔma wɔn a wɔahwe ase so.
Ɔdɔ nʼatreneefo.
9Ɔbɔ ahɔho a wɔte yɛn asase so ho ban.
Ɔboa akunafo ne nyisaa na mmom ɔsɛe amumɔyɛfo nsusuwii.
10 Awurade yɛ ɔhene daa daa.
Wo Nyankopɔn,
O Sion, bedi hene daa nyinaa.
Kamfo Awurade.
Copyright information for TwiNAK